Revelation of John 10

Onyankopɔn nhyehyɛe aba mu

1Afei mihuu ɔbɔfo tumfoɔ bi a ofi soro resian ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2Na nhoma ketewaa bi kita no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. 3Ɔteɛɛm maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛe no, aprannaa ason no woroo so gyee so.

4Wɔkasae pɛ, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii soro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kae no nka wo tirim. Nkyerɛw!”

5Ɛhɔ ara, ɔbɔfo a mihui sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. 7Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.”

8Afei nne a metee sɛ efi soro no kasa kyerɛɛ me bio se, “Kɔ na kogye nhoma a wabue mu a ekita ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no.”

9Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewaa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”

10Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee na ɛyɛɛ dɛ te sɛ wo wɔ mʼanom. Nanso memenee no akyi, ɛkekae wɔ me yam.

11Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.”

Copyright information for TwiNAK